No. 122
Tie! Abɔfo To Nnwom Sɛ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Tie abɔfo to nnwom sɛ 'Nuonyam nka Hen' fof'ro no; Asomdwoe nka asase; Nyame ne bɔn'yefo` abom; Aman, momfa ah'rusi Ne s'ro nto anigye nnwom Ne abɔfokuw nteam sɛ 'Wɔawo Kristo Betlehem'. Tie! Abɔfo to dwom sɛ 'Nuonyam nka Hen' fof'ro no.
Verse 2
Kristo a s'ro ny'naa som No, Kristo, daa Awurade; Wɔawo Hen' mmoa 'didibea B're a 'bɔfo to dwom sɛ; 'Somdwoe nka 'sase sofo, Ma 'kra a wosu`ro nyɛ komm; Kristo abɛtra fam ha, Yesu, yɛn Immanuel. Tie! Abɔfo to dwom sɛ 'Nuonyam nka Hen' fof'ro no.
Verse 3
Mommɔ 'se mma 'Somdwoe Hen'! Mommɔ Trenee Wia no 'se! Ɔde nkwa ne hann aba, 'Yar'sa wɔ Ne ntaban mu. Ogyaa N'anuonyam wɔ s'ro, Bae, sɛnea nnipa renwu. Ɔrebenyan nnipa mma Ama wɔn awofof'ro. Tie! Abɔfo to dwom sɛ 'Nuonyam nka Hen' fof'ro no
English Lyrics
Verse 1
Hark! the herald angels sing, 'Glory to the new born King, Peace on earth, and mercy mild, God and sinners reconciled!' Joyful, all ye nations rise, Join the triumph of the skies; With th' angelic host proclaim, 'Christ is born in Bethlehem!' Hark! the herald angels sing, 'Glory to the new born King!'
Verse 2
Christ, by highest heaven adored; Christ, the everlasting Lord; In the manger born a king, While adoring angels sing, 'Peace on earth, to men good will; Bid the trembling soul be still, Christ on earth has come to dwell, Jesus, our Emmanuel. Hark! the herald angels sing, 'Glory to the new born King!'
Verse 3
Hail the heaven-born Prince of Peace!Hail the Sun of Righteousness! Light and life to all he brings, Risen with healing in his wings. Mild he lays his glory by, Born that man no more may die, Born to raise the sons of earth, Born to give them second birth. Hark! the herald angels sing, 'Glory to the new born King!'