No. 128
Pue, Wo Ɔsoro Hann Fɛfɛ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Pue, Wo ɔsoro hann fɛfɛ, Na fa adekyee brɛ yɛn; O mo nguanhwɛfo, munnsuro; Muntie abɔfo nkrasɛm; Saa Akokoa ketewa yi Bɛyɛ yɛn 'hotoso ne dɛw Ɔbɛsɛe Satan tumi, Ama yɛn daabasomdwoe.
Verse 2
Pue, Wo ɔsoro hann fɛfɛ, Na fa yɛn nkwagye brɛ yɛn; Tumfo Nyame aba fam ha; Ɔne yɛn anidaso; Ɔbae wɔ nipa tebea mu- Yɛn Nyankopɔn Immanuel, Anadwo sum to atwa, Wayɛ bɔn'yɛfo yɔnko.
English Lyrics
Verse 1
Break forth, O beauteous heavenly light, And usher in the morning; Ye shepherds, shrink not with affright, But hear the angel's warning. This Child, now weak in infancy, Our confidence and joy shall be, The power of Satan breaking, Our peace eternal making.
Verse 2
Break forth, O beauteous heavenly light, To herald our salvation; He stoops to earth---the God of might, Our hope and expectation. He comes in human flesh to dwell, Our God with us, Immanuel, The night of darkness ending, Our fallen race befriending.