No. 130
Nadwo Bi A Wim Atew No
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nadwo bi a wim atew no, Saa anuonyam dwom no, S'ro abɔfo baa fam de wɔn Sika sanku toe sɛ: Asomdwoe nka 'sase sofo, Mfi s'ro Hen' dɛɛfo n' hɔ, Na wiase nyinaa ayɛ komm Retie 'bɔfo dwom no.
Verse 2
Wofi s'ro a 'mu abue bae, De asomdwoe faa wim; Wɔn s'ro dwom no kɔɔ so trɛw kɔɔ Wiase mu baabiara. Wɔtrɛw wɔn ntaban mu tu faa Asaseta no so; Na nne sakasaka mu no, Abɔfo no too dwom.
Verse 3
Mo a ɔbra nnesoa d'rud'ru Ahyɛ mo so kɛse, Na moabrɛ nam ɔbra kwan so Retu yaw 'nammɔn yi; Monhwɛ, anigye mmere pa Nam wim reba ntɛm so; O monhome wɔ kwan no mu Ntie abɔfo dwom no.
English Lyrics
Verse 1
It came upon the midnight clear, That glorious song of old, From angels bending near the earth To touch their harps of gold; 'Peace on earth, goodwill to men, From heav'n's all gracious King!' The world in solemn stillness lay To hear the angels sing.
Verse 2
Still through the cloven skies they come, With peaceful wings unfurled; And still their heav'nly music floats O'er all the weary world; Above its sad and lowly plains They bend on hovering wing; And ever o'er its Babel sounds The blessed angels sing!
Verse 3
And ye, beneath life's crushing load, Whose forms are bending low, Who toil along the climbing way With painful steps and slow Look now! for glad and golden hours Come swiftly on the wing; O rest beside the weary road, And hear the angels sing.