No. 137
Yɛn Apuei Ahemfo Baasa
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yɛn apuei ahemfo baasa, Kura 'kyɛde fi aky'riky'ri; Yɛatra mfu, nsu, sare, mmepɔ, Di ns'romma bi akyi.
Chorus
O 'nadwo ns'romma nwanwafo, Nea 'kura 'dehye 'hoɔfɛ, Wudi yɛn anim kɔ atɔe Gyaw yɛn kɔ Wo hann pa ho.
Verse 2
Wɔawo Hen' Betlehem sar' so, MerebɛhyɛN' sika 'henkyɛw; Ɔbɛyɛ Ɔhen' afebɔɔ Adi yɛn nyinaa so.
Verse 3
Mede aduhuam rebɛma, Aduhuam wɔ Ɔs'roni no; Nnipa bɔ mpae to ayeyi, Som ɔs'ro Nyankopɔn.
Verse 4
K'rɔbɔ yɛ me de, ne hua ky'rɛ Aw'rɛhowdi a ɛreba: 'W'rɛhow, yaw, mogyatu, owu, Ɔda ɔbodan mu.
Verse 5
Monhwɛ sɛ Wasɔr' 'nuonyam mu, Ɔhen', Nyame, afɔrebɔ; Haleluya, Haleluya Gyigye fam ha ne s'ro!
English Lyrics
Verse 1
We three kings of Orient are; Bearing gifts we traverse afar Field and fountain, moor and mountain, Following yonder star.
Chorus
O star of wonder, star of night, Star with royal beauty bright, Westward leading, still proceeding, Guide us to Thy perfect light.
Verse 2
Born a King on Bethlehem's plain, Gold I bring to crown Him again, King forever, ceasing never Over us all to reign.
Verse 3
Frankincense to offer have I; Incense owns a Deity nigh; Prayer and praising all men raising, Worship Him, God on high.
Verse 4
Myrrh is mine; its bitter perfume Breathes a life of gathering gloom: Sorrowing, sighing, bleeding, dying, Sealed in the stonecold tomb.
Verse 5
Glorious now behold Him arise, King and God and sacrifice; Alleluia, Alleluia! Sounds through the earth and skies.