No. 160
Kɔ W'Anim Sɛ Ɔberempɔn
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Kɔ W'anim sɛ Ɔberempɔn, 'Man nyinaa to Hosiana; Agyenkwa b'rɛfo, tu Wo kwan, Berɛw ne ntama di ahim.
Verse 2
Kɔ W'anim sɛ Ɔberempɔn, Kɔ odwo 'nuonyam mu kowu; Kristo, fiW' nkonimdi ase Wɔ awufo ne bɔne so.
Verse 3
Kɔ W'anim sɛ Ɔberempɔn, Akofo a wotu nam wim; De ahodw'ri ne aw'rɛhow Hwɛ afɔr' a ɛrebɛn no.
Verse 4
Kɔ W'anim sɛ Ɔberempɔn. Kɔ ɔdwo 'nuonyam mu kowu, Bɔ Wo ti ase ma ɔyaw, Na gye Wo tumi di hene.
English Lyrics
Verse 1
Ride on, ride on, in majesty! Hark! all the tribes Hosanna cry; O Savior meek, pursue Thy road With palms and scattered garments strowed.
Verse 2
Ride on, ride on, in majesty! In lowly pomp ride on to die! O Christ! Thy triumph now begin Over captive death and conquered sin.
Verse 3
Ride on, ride on, in majesty! The winged squadrons of the sky Look down with sad and wondering eyes To see the approaching sacrifice.
Verse 4
Ride on, ride on, in majesty! In lowly pomp ride on to die! Bow Thy meek head to mortal pain, Then take, O God! Thy power and reign.