No. 17
Abɔde Ne Soro Wura
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Abɔde ne soro Wura, Owia yi W'anuonyam adi: Wone abrabɔ nnyinaso, Wobɛn koma dɔfo biara.
Verse 2
Yɛn nkwa Awia, Wo nkwa hann no, Hy'rɛn ma egyigye yɛn kwan so; Yɛn 'nidaso ns'romma, Wo hann Kyekye yɛn werɛ dasu mu.
Verse 3
W'anim hintaw a sum d'ru yɛn, Wo pue yɛ yɛn owigyinae; Nyankontɔn, Wo dom sɛnky'rɛnne: Ade nyinaa wɔ W', gye bɔne!
Verse 4
Fam ne s'ro nkwa nyinaa Wura, Wo hann yɛ nokware ne dɔ; Wo hann ahengua no anim, Yɛnhwehwɛ yɛn ankasa hann.
Verse 5
Fa Wo nokware no dom yɛn, Gye koma a ɛhwehwɛ Wo yi. Na W'afɔremuka nyinaa Nyɛ kronkron sɛ ogyaframa.
English Lyrics
Verse 1
Lord of all being, throned afar, Thy glory flames from sun and star; Center and soul of every sphere, Yet to each loving heart how near! Yet to each loving heart how near!
Verse 2
Sun of our life, Thy quickening ray Shed of our path the glow of day; Star of our hope, Thy softened light Cheers the long watches of the night, Cheers long watches of the night.
Verse 3
Our midnight is Thy smile with drawn; Our noontide is Thy gracious dawn; Our rainbow arch, Thy mercy's sign; All, save the clouds of sin, are Thine All, save the clouds of sin, are Thine
Verse 4
Lord of all life, below, above, Whose light is truth, whose warmth is love, Before Thy ever blazing throne We ask no luster of our own, We ask no luster of our own.
Verse 5
Grant us Thy truth to make us free, And kindling hearts that burn for Thee; Till all Thy living altars claim One holy light, one heavenly flame! One holy light, one heavenly flame.