No. 171
Nuonyam Yɛ Wo De
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
'Nuonyam yɛ Wo de, 'Ba nkonimdifo; Wo nkonim wɔ 'wu so To rentwa` ara da; 'Bɔfo a wɔn ho hy'rɛn Piaa ɔbo no hɔ, De Wo ho ntama guu Nea na Woda hɔ.
Chorus
'Nuonyam yɛ Wo de 'Ba nkonimdifo; Wo nkonim wɔ 'wu so To rentwa` ara da.
Verse 2
Hwɛ! Yesu hyia yɛn, Wanyan fi 'wu mu, Ɔde ɔdɔ kyea yɛn, Pam suro ne sum; Ma N'asafo mfa dɛw Nto nkonimdi nnwom: 'Fisɛ ne W'ra te` ase 'Wu nwowoe ay'ra.
Verse 3
Yɛnnye Wo kyim bio, 'Nuonyam nkwa Hene; Wunnim a yɛnsɛ hwee; Boa yɛn ɔko yim' Ma yenni nkonim wɔ Wo daa dɔ no mu. Fa yɛn twa Yordan dwoo Kɔ Wo s'ro fie hɔ.
English Lyrics
Verse 1
Thine is the glory, Risen, conquering Son; Endless is the victory Thou o'er death hast won. Angels in bright raiment Rolled the stone away, Kept the folded grave-clothes Where Thy body lay.
Chorus
Thine is the glory, Risen, conquering Son; Endless is the victory Thou o'er death hast won.
Verse 2
Lo! Jesus meets us. Risen from the tomb, Lovingly He greets us, Scatters fear and gloom; Let His Church with gladness Hymns of triumph sing, For her Lord now liveth; Death has lost its sting.
Verse 3
No more we doubt Thee, Glorious Prince of life! Life is nought without Thee; Aid us in our strife; Make us more than conquerors, Through Thy deathless love; Bring us safe through Jordan To Thy home above.