No. 173
Kristofo, Munni Dɛw Nto Dwom!
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Kristofo, munni dɛw nto dwom! Afei yɛn Hen' adi nkonim! Yɛka 'nigyesɛm wiase ny'naa; Haleluya! Haleluya! Haleluya!
Verse 2
N-kwa Wura no asɔre, Momfa dwom mpete Ne kwan mu; Ma amansan nni dɛw nka sɛ: Haleluya! Haleluya! Haleluya!
Verse 3
Yɛto nkonim ho 'yeyi dwom, Mo dɔ ne nkwa a enwu da; Yɛma yɛn koma so to dwom: Haleluya! Haleluya! Haleluya!
Verse 4
Yehy'ra Wo, 'W'ra a Woasɔre, Yɛde 'nokoro to dwom nnɛ, Wo wu ne Wo sɔre no ho: Haleluya! Haleluya! Haleluya!
English Lyrics
Verse 1
Good Christian friends, rejoice and sing! Now is the triumph of our King! To all the world glad news we bring: Alleluia! Alleluia! Alleluia!
Verse 2
The Lord of life is risen for aye; Bring flowers of song to strew His way; Let all mankind rejoice and say: Alleluia! Alleluia! Alleluia!
Verse 3
Praise we in songs of victory That love, that life which cannot die, And sing with hearts uplifted high: Alleluia! Alleluia! Alleluia!
Verse 4
Thy name we bless, O risen Lord. And sing today with one accord The life laid down, the life restored: Alleluia! Alleluia! Alleluia!