No. 191
S'Ro Dɔ A Ɛsen Dɔ Nyinaa
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
S'ro dɔ a ɛsen dɔ nyinaa, S'ro 'nigye, sian bra fam ha; Bra bɛtra yɛn mu sɛ Wo fi, Na ky'rɛ W'adɔe wɔ yɛn so; Yesu, Woyɛ mmɔb'rɔhun'fo, Woyɛ dɔ kronkron ampa; Fa Wo nkwagye no bra yɛn so, Hyɛn' koma brɛfo biaram'.
Verse 2
Home Wo dɔ Honhom no gu Koma a abrɛ biaram'; Ma yɛn nyinaa nnya mfi Wo nkyɛn, Wo bɔhyɛ home pa no; Yi yɛn bɔne su nyinaa hɔ, Wone Alfa, Omega; Gyidi farebae ne wiefo, Ma yɛn koma faw'hodi.
Verse 3
Tweaduampɔn, bra na bɛgye yɛn, Na ma yɛn nsa nka Wo dom; Sian bra bɛtra yɛn mu na mfi W'asɔr'fie yi mu nkɔ da; Yebehy'ra Wo din no daa daa, Asom Wo sɛ s'ro dɔm no; Abɔ mpae akamfo Wo daa, Adi Wo dɔ mu 'h'rusi.
Verse 4
Wie W'abɔde foforo no, Yɛ yɛn kronn a nkekae nnim', Ma Wo n-kwagye kɛse no Nna adi yie wɔ yɛn mu, Fi 'nuonyam mu kɔ 'nuonyam mu, Kosi sɛ yebedu s'ro De yɛn ahenkyɛw no agu Wo nan as? akamfo Wo.
English Lyrics
Verse 1
Love divine, all loves excelling, Joy of heaven, to earth come down; Fix in us thy humble dwelling; All thy faithful mercies crown! Jesus thou art all compassion, Pure, unbounded love thou art; Visit us with thy salvation; Enter every trembling heart.
Verse 2
Breathe, O breathe thy loving Spirit Into every troubled breast! Let us all in thee inherit; Let us find the promised rest. Take away our bent to sinning; Alpha and Omega be; End of faith, as its beginning, Set our hearts at liberty.
Verse 3
Come, Almighty to deliver, Let us all Thy grace receive; Suddenly return and never, Nevermore thy temples leave. Thee we would be always blessing, Serve thee as thy hosts above, Pray and praise thee without ceasing, Glory in thy perfect love.
Verse 4
Finish, then, thy new creation; Pure and spotless let us be. Let us see thy great salvation Perfectly restored in thee; Changed from glory into glory, Till in heaven we take our place, till we cast our crowns before thee, Lost in wonder, love, and praise.