No. 193
'Gyenkwa, Ky'Rɛ Me Da Biara
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
'Gyenkwa, ky're me da biara, Ma minni dɔ 'desua so; Adesua bi nyɛ dɛ sɛ Mɛdɔ Neá Odii kan dɔɔ me.
Verse 2
Ma memfa 'bofra koma, Nyɛ nea Wohwehwɛ biara; Mensom Wo, nni W'akyi daa, Wo a Wudii kan dɔɔ me.
Verse 3
Kyerɛ me ma minhu sɛ, Menne m' ho, meyɛ Wo de; Wo na Wohwɛ me, gye me Fi bɔne nkoasom ny'naa mu.
Verse 4
Ma menyɛ dɔ adwuma, Mfa 'nigye nyɛ W'apɛde; Na me daa 'nigye nyɛ sɛ: Mɛdɔ Neá Odii kan dɔɔ me.
Verse 5
Ma minni W'akyi ara, Mfa 'hoɔden nnye Wo dom no; Ma minsua dɔ mfi Wo hɔ, Wo a Wudii kan dɔɔ me.
English Lyrics
Verse 1
Savior, teach me day by day Love's sweet lesson to obey, Sweeter lesson cannot be, Loving Him Who first loved me.
Verse 2
With a child's glad heart of love At Thy bidding may I move, Prompt to serve and follow Thee, Loving Him Who first loved me.
Verse 3
Teach me I am not my own, I am Thine, and Thine alone; Thine to keep, to rule, to save From all sin that would enslave
Verse 4
Love in loving finds employ, In obedience all her joy; Ever new that joy will be, Loving Him Who first loved me.
Verse 5
Teach me thus Thy steps to trace, Strong to follow in Thy grace, Learning how to love from Thee, Loving Him Who first loved me.