No. 198
So Metumi Anya Mfaso
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
So metumi anya mfaso Wɔ Agyenkwa no mogya mu? Owu maa me` a mehaw No no? Me` a mepam No kɔɔ 'wu mu no? Anwanwa dɔ, ɛbɛyɛ dɛn Na me Nyame bewu` ama me?
Chorus
Anwanwa dɔ, ɛbɛyɛ dɛn Na me Nyame bewu` ama me?
Verse 2
Ogyaw N'Agya 'henni wɔ s'ro, Ɔdom a enni kabea nti; Ogyaw ade nyinaa de 'dɔ Kyii mogya maa Adam 'sefo; Ɛyɛ mmɔb'rɔhun' kɛse kwa, Sɛ me Nyame bɛhwehwɛɛ me.
Verse 3
Me kra daa afiase yie Wɔ bɔne ne wiase sum mu; W'aniwa mu hann kanyan me; Minyanee, afiase yɛɛ hann, Me mpoky'rɛ fi gui, midii dɛw, Mesɔree ntɛm bedii W'akyi.
Verse 4
Minsuro afobu bio nnɛ; Yesu ne N'ade ny'naa wɔ me! Mete Ne mu, me nkwa Nsuti. Ɔde s'ro trenee ahyɛ me; Mede nnam kɔ 'hengua n'anim, Kɔgye m'ahenkyɛw Kristo mu.
English Lyrics
Verse 1
And can it be that I should gain An interest in the Savior's blood! Died he for me? who caused His pain! For me? who him to death pursued? Amazing love! How can it be That thou, my God, shouldst die for me?
Chorus
Amazing love Amazing love! How can it be How can it be That thou, my God, shouldst die for me?
Verse 2
He left his Father's throne above So free, so infinite his grace; Emptied himself of all but love, And bled for Adam's helpless race. 'Tis mercy all, immense and free, For O my God, it found out me!
Verse 3
Long my imprisoned spirit lay, Fast bound in sin and nature's night; Thine eye diffused a quickening ray; I woke, the dungeon flamed with light; My chains fell off, my heart was free, I rose, went forth, and followed thee.
Verse 4
No condemnation now I dread; Jesus, and all in Him, is mine; Alive in him, my living Head, And clothed in righteousnes divine, Bold I approach th' eternal throne, And claim the crown, through Christ my own.