No. 202
Ka Ky'Re Mmususakuw Ne Aman
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Ka ky'rɛ mmusuakuw ne aman nyinaa, Ka no mmaa nyinaa; 'Sase sum kabii bɛpa anɔpa, Yesu bɛba seesei.
Chorus
Monhyɛ No anuonyam Hen', 'Guammaan' wu maa 'bɔn'yɛfo; Monka anwanwasɛm no: Yesu bedi Hen'.
Verse 2
Asase so akosɛm dodow yi Rebɔ yɛn kɔkɔ; Ewim nsɛnkyerɛnne ahorow no Bɔ 'da no ho daw'ru.
Verse 3
Onyame mma, momfa 'nigye nhwɛ s'ro, Monto N'ayeyi; Nhyira ne wɔn a wɔretwɛn rewɛn Hann a ɛrepue no.
English Lyrics
Verse 1
Tell it to every kindred and nation, Tell it far and near; Earth's darkest night will fade with the dawning, Jesus will soon appear.
Chorus
Hail Him the king of glory, Once the Lamb for sinners slain; Tell, tell the wondrous story, 'Jesus comes to reign.'
Verse 2
Nations again in strife and commotion, Warnings by the way; Signs in the heavens, unerring omens, Herald the glorious day.
Verse 3
Children of God look up with rejoicing; Shout and sing His praise; Blessed are they who, waiting and watching, Look for the dawning rays.