No. 219
Yesu Ba 'Nuonyam Mu Sɛ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yesu ba 'nuonyam mu sɛ 'W'ra ne ahen mu Hen', O hwɛ anwanwasɛm a Kyerɛw Kronkron no ka; N'anim bɛhy'rɛn sɛ owia Ne t'ri so yɛ fitaa; N'ani hy'rɛn sɛ 'gyaframa, Ne nan te sɛ kɔɔb're.
Verse 2
Ne nne sɛ nsubɔnten no Begyigye dennennen, Akodu ɛpo bun mu Aky'rɛ abɔde ny'naa; Saa nteam nwanwa yi mu no, Kristom 'wufo benyan Akohyia wɔn Agyenkwa Wɔ wim, anuonyam mu.
Verse 3
Na yɛn a yɛwɔ gyidi N'ahoyi dɔ mu no Behu sɛ yɛanya Ne s'ro Anuonyam pa no bi; Ne wusɔre tumi no Benyan yɛn akɔ nea Saa dɔnhw're nwanwa no mu Yebehu N'anim no.
Verse 4
O ma Wo mmae no nyɛ ntɛm, Wo Adekyee Ns'romma! Awurade, ma yɛnte T'robɛnto nne aky'ri; Wo nk'rɔfo hwɛ Wo kwan sɛ Yɛbɛyɛ W'ayef'ro; Na bre` a Wobɛba bio no, Yɛaf'ro aba Wo nkyɛn.
English Lyrics
Verse 1
When Jesus comes in glory, As Lord and King of kings, O what a wondrous story The blessed Bible brings; His face will shine like sunlight, His head be white as snow, His eyes like flaming firelight, His feet like brass aglow.
Verse 2
His voice like rushing waters Will reach with mighty sound Into the deepest quarters Of all creation round; And at this wondrous greeting The dead in Christ shall rise, Their Lord and Savior meeting, In glory in the skies.
Verse 3
And we who are believing, And His appearing love, Shall know we are receiving His glory from above; His resurrection power Will raise us to the place Where we that wondrous hour Shall see Him face to face.
Verse 4
O hasten Thine appearing, Thou bright and Morning Star! Lord, may we soon be hearing The trumpet sound afar; Thy people are all yearning To be Thy raptured bride, And at Thine own returning Be caught up at Thy side.