No. 22
Nyame Ne Yen Dwom
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyame ne yɛn dwom, na obiara a Oyi N'ayɛ nya 'hoɔden ne home. Wɔn a wɔde dɛw yi Nyame ayɛ; San de nyansa a yɛhwere ma yɛn, San de nyansa a yɛhwere ma yɛn.
Verse 2
Nyame ne yɛn dwom, Yesu bɛgye yɛn: Yɛde yɛn ho ma Wo, yɛn nkamfo mu. Yɛn nyinaa ka bom, to dwom foforo. Yesu di y'anim kɔ s'ro hann no mu, Yesu di y'anim kɔ s'ro hann no mu.
Verse 3
'Yi ne dwom a 'haw bi ntumi nhyɛ so, Nyame ayeyifo pow abufuw; Ɔdɔ ne ehu dwom sononko a, Nyame de siesie asase hunu, Nyame de siesie asase hunu.
Verse 4
Nyame ne yɛn kommyɛ b'rɛ a yɛnto dwom; Aw'rɛhow ma yentumi nto dwom a, Yɛde gyidi yɛ setie kommyɛ mu, Kosi sɛ yɛn 'yeyi nne bɛsɔr' bio, Kosi sɛ yɛn 'yeyi nne bɛsɔr' bio.
English Lyrics
Verse 1
God is our song, and every singer blest Who praising Him finds energy and rest. All who praise God with unaffected joy Give back to us the wisdom we destroy, Give back to us the wisdom we destroy.
Verse 2
God is our Song, for Jesus comes to save; While praising Him we offer all we have. New songs we sing, in ventures new unite, When Jesus leads us upward into light, When Jesus leads us upward into light.
Verse 3
This is the song no conflict ever drowns; Who praise God our human wrath disowns. Love knows what rich complexities of sound God builds upon a simple common ground.
Verse 4
God is our Silence when no songs are sung, When ectasy or sorrow stills the tongue. Glorious the faith which silently obeys Until we find again the voice of praise, Until we find again the voice of praise.