No. 251
Ɔte Ase
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Mesom 'Gyenkwa a Wanyan, Ɔwɔ wiase ha nnɛ; Minim sɛ Ɔte ase, Nnipa ka dɛn mpo a; Mihu N'ahummɔb'rɔ nsa, Mete Ne nne dɛdɛ. B'r? a mihia No biara no, Ɔwɔ me nkyɛn.
Chorus
Ɔte ase, Kristo Yesu te` ase! Ɔne me nante, ne me kasa Ɔbra kwan yi so. Ɔte ase, Ɔde nkwagye ma kwa Sɛn na mihu sɛ Ɔte` ase? Ɔte` ase me komam'.
Verse 2
Nea ɛwɔ wiase ny'naa mu, Mihu Ne dɔ 'yamye; Sɛ me koma boto mpo a, Merempa aba da; Minim sɛ Odi m'anim, Asorɔkye ny'naa mu, N'ahoyi da kɛse no Bɛba ara.
Verse 3
Di dɛw, di dɛw, Kristoni, Ma wo nne so na to Haleluyá a ɛnsa da Ma Hen' Yesu Kristo. Wɔn a wɔhwehwɛ No ny'naa 'Nidaso ne boafo; Obi nni dɔ ne 'yamye Te sɛ Ɔno.
English Lyrics
Verse 1
I serve a risen Savior, He's in the world today; I know that He is living, whatever men may say; I see His hand of mercy, I hear His voice of cheer And just the time I need Him He's always near.
Chorus
He lives, He lives, Christ Jesus lives today! He walks with me and talks with me Along life's narrow way. He lives, He lives, salvation to impart! You ask me how I know He lives? He lives within my heart.
Verse 2
In all the world around me I see His loving care, And tho' my heart grows weary I never will despair; I know that He is leading thru all the stormy blast, The day of His appearing will come at last.
Verse 3
Rejoice, rejoice, O Christian, lift up your voice and sing, Eternal hallelujahs to Jesus Christ the King! The hope of all who seek Him, the help of all who find, None other is so loving, so good and kind.