No. 272
Fa Kyerɛw Kronkron Nsoromma
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Fa Kyerɛw Kronkron nsoromma no ma me, Ɛkyekye kwantuni baakofo w'rɛ; Ahum ntumi nkata ne hyerɛn no so, 'Fisɛ Yesu bɛgyee nnebɔn'yɛfo.
Chorus
Fa Kyerɛw Kronkron asɛmpa no ma me, Wo hann no bɛwɛn me kwan teaa no mu, Bɔhyɛ ne mm'ra ne ɔdɔ ahyɛ mu ma, Kosi sɛ adesae bɛdan daa hann.
Verse 2
Fa Ky'rɛw no ma me b're` a me koma 'bubu, Na bɔne de hu ahyɛ me kra so; Fa 'sɛmpa a Yesu aka no ma me, Na menka sɛ Agyenkwa no abɛn.
Verse 3
Fa Ky'rɛw no ma me ma ɛnhy'rɛn me kwan so Ky'rɛ me mmusu a ɛwɔ wi-ase, Ahotɔ kanea no bɛpam sum nyinaa; Kanea no nko na ɛky'rɛ 'somdwoe kwan.
English Lyrics
Verse 1
Give me the Bible, star of gladness gleaming, To cheer the wanderer lone and tempest tossed, No storm can hide that peaceful radiance beaming Since Jesus came to seek and save the lost.
Chorus
Give me the Bible, holy message shining, Thy light shall guide me in the narrow way. Precept and promise, law and love combining, 'Til night shall vanish in eternal day.
Verse 2
Give me the Bible when my heart is broken, When sin and grief have filled my soul with fear, Give me the precious words by Jesus spoken, Hold up faith's lamp to show my Savior near.
Verse 3
Give me the Bible, all my steps enlighten, Teach me the danger of these realms below, That lamp of safety, o'er the gloom shall brighten, That light alone the path of peace can show.