No. 274
Asɛm A 'Bɛyɛɛ Nipa
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Asɛm a 'bɛyɛɛ nipa, Nyansa a efi s'ro, Nokwar' a ɛnsakra da, O, yɛn sum mu kanea; Yeyi W'ayɛ wɔ hann a Efi W'asɛm mu nti Ɛyɛ yɛn nan 'se kanea A ɛhy'rɛn fi tete.
Verse 2
Asafon' nyaa s'ro 'kyɛde Fii ne W'ra pa no hɔ; Na Ɔda so ma hann no Hy'rɛn wɔ wiase nyinaa; Ɛyɛ sika 'daka a Nokwar' nnwinne gu mu; Ɛyɛ ɔs'ro mfoni a Eyi Kristo no ky'rɛ.
Verse 3
Ɛyɛ frankaa a edi Nyame dɔm no anim; Ɛhyerɛn te sɛ kanea Wɔ esum wiase mu; Ɛyɛ hyɛn akwanky'rɛde Wɔ ɔbra po yi so, Botan ne anweam, ɛky'rɛ Kwan ba Wo, Kristo nkyɛn.
Verse 4
'Gyenkwa pa ma W'asafo Nyɛ sika kanea kronn; Nni Wo hann ho adanse, Nky'rɛ aman sɛ teten'; Ky'rɛ kwantofo a wɔay'ra Ma wonhu Wo kwan no, Kosi sɛ sum betwa mu Na wobehu W'anim.
English Lyrics
Verse 1
Word of God Incarnate, O Wisdom from on high, O Truth unchanged, unchanging, O Light of our dark sky: We praise Thee for the radiance That from the hallowed page, A lantern to our footsteps, Shines on from age to age.
Verse 2
The church from her dear Master Received the gift divine, And still that light she lifteth O'er all the earth to shine. It is the golden casket Where gems of truth are stored; It is the heaven-drawn picture Of Christ, the living Word.
Verse 3
It floateth like a banner Before God's host unfurled; It shineth like a beacon Above the darkling world. It is the chart and compass That o'er life's surging sea, 'Mid mists and rocks and quicksands, Still guides, O Christ, to Thee.
Verse 4
O make Thy church, dear Savior, A lamp of purest gold, To bear before the nations Thy true light as of old. O teach Thy wandering pilgrims By this their path to trace, Till, clouds and darkness ended, They see Thee face to face.