No. 283
O 'Yesu A Wugyina
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
O 'Yesu a Wugyina Ɔpon' akyi retwɛn 'Hobrɛase ne 'bodwoky'rɛm', Sɛ Worensian kra ho; Kristofo 'niwufo a Yeku`ra Ne din, frankaa, 'Niwu kɛse wɔ yɛn so, Sɛ yɛma No twɛn hɔ.
Verse 2
Yesu a Worebɔ pon, Hwɛ Wo nsa ho atwa Ne Wo t'ri so nsɔekyɛw no Ne W'ani so nusu; Hwɛ sɛ 'dɔ a ɛtrá adwen Retwɛn boasetɔ mu, Na bɔn' a enn? nsɛso Nso rebram ɔpon no.
Verse 3
Yesu a Wugu so s'rɛ Wɔ 'hobrɛase mu sɛ: 'Mibewu maa mo, Me mma Dɛn na moyɛ Me yi?' O, W'ra, yɛde 'niwu ne 'W'rɛhow bue yɛn komam' Agyenkwa pa, bɛhyɛn mu Na fa yɛ Wo fie daa.
English Lyrics
Verse 1
O Jesus, Thou art standing, Outside the fast closed door, In lowly patience waiting To pass the threshold o'er: O shame, professing Christian, His Name and sign who bear, O shame, thrice shame upon us, To keep Him standing there!
Verse 2
O Jesus, Thou art knocking; And lo, that hand is scarred, And thorns Thy brow encircle, And tears Thy face have marred: O love that passeth knowledge, So patiently to wait! O sin that hath no equal, So fast to bar the gate!
Verse 3
O Jesus, Thou art pleading In accents meek and low, “I died for you, My children, And will ye treat Me so?” O Lord, with shame and sorrow We open now the door; Dear Savior, enter, enter, And leave us nevermore.