No. 285
Yesu Refrɛ Yɛn Wɔ Ɔbra
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yesu refrɛ yɛn wɔ ɔbra As'rɔkye dennen yi mu; Daa ny'naa Ne nne dɛdɛ gu so Sɛ, 'Kristoni di M'akyi'.
Verse 2
Yesu frɛ yɛn fi ɔsom a Huhude ahyɛ mu ma Ne abosonsom biara mu Sɛ, 'Kristoni, dɔ Me pii'.
Verse 3
Yɛn 'nigye ne aw'rɛhow mu, Adwuma ne 'home mu; Ɔda so frɛ sɛ yɛnnɔ No N-kyɛn eyinom nyinaa.
Verse 4
Yesu frɛ yɛn! O Agyenkwa, Ma yɛnte Wo dom frɛ no; Ma yɛn osetie koma na Yɛmfa nnɔ Wo, nsom Wo yie.
English Lyrics
Verse 1
Jesus calls us o'er the tumult Of our life's wild, restless sea; Day by day his sweet voice soundeth, Saying, 'Christian, follow me!'
Verse 2
Jesus calls us from the worship Of the vain world's golden store, From each idol that would keep us, Saying, 'Christian, love me more'
Verse 3
In our joys and in our sorrows, Days of toil and hours of ease, Still he calls, in cares and pleasures, 'Christian, love Me more than these'
Verse 4
Jesus calls us! By thy mercies, Savior, may we hear Thy call, Give our hearts to Thy obedience, Serve and love Thee best of all.