No. 287
Yesu De Nne Bɔkɔɔ Gu So Refrɛfrɛ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yesu de nne bɔkɔɔ gu so refrɛfrɛ, Ɔrefrɛ wo refrɛ me; Ogyina ɔpon akyi retwɛn rewɛn, Ɔrehwɛ me ne wo kwan.
Chorus
Bra fie, bra fie, Mo a moabrɛ, mommra fie; Nokwarem, Yesu de nne bɔkɔɔ refrɛ, Refrɛ! bɔn'yɛfo bra fie.
Verse 2
Dɛn nti na yɛtwɛn bre` a Yesu redi ma, Redi ma me ne wo yi? Dɛn nti na yɛntwentwɛn ntie N'ahummɔbɔ a Ɔwɔ ma me ne wo no.
Verse 3
Dwen ɔdɔ nwanwa` a Wahyɛ ho bɔ no Ɔde 'hyɛ me ne wo bɔ; Yɛayɛ bɔn' mpo` a Ohu mmɔbɔ wɔ faf'ri: Faf'ri de ma me ne wo.
English Lyrics
Verse 1
Softly and tenderly Jesus is calling, Calling for you and for me; At the heart's portals He's waiting and watching, Watching for you and for me.
Chorus
Come home, come home; Ye who are weary come home; Earnestly, tenderly, Jesus is calling, Calling, O sinner, come home!
Verse 2
Why should we tary when Jesus is pleading, Pleading for you and for me? Why should we linger and heed not his mercies, Mercies for you and for me
Verse 3
Think of the wonderful love He has promised, Promised for you and for me; Though we have sinned, He has mercy and pardon, Pardon for you and for me.