No. 297
Nyankopɔn Hu Me Mmɔbɔ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyankopɔn hu me mmɔbɔ, Migyaw m'adesrɛ ma Wo; W'ahummɔb'rɔ dɔɔso nti, Popa me mm'rato seesei; Guare me na tew me ho; Hoh'ro me bɔne nyinaa. Guare me na tew me ho; Hoh'ro me bɔne nyinaa.
Verse 2
Wɔawo me wɔ bɔne mu, Wohwehwɛ nokwar' me mu; Wo nkutoo ne m'Agyenkwa, Fa Wo nyansa hyɛ me mu; Na fa Wo dom yɛ me kronn, Hoa me sene suky'rɛmma. Na fa Wo dom yɛ me kronn, Hoa me sene suky'rɛmma.
Verse 3
Sesa me koma 'Domfo, Ma me nokware honhom; Nto me mfi Wo nkyɛn, Wura, Ma Wo honhom ntra me mu; Mam' Wo nkwagye ho 'nigye Na hyɛ me koma no den. Mam' Wo nkwagye ho 'nigye,Na hyɛ me koma no den.
Verse 4
Nnebɔn'yɛfo besua me, Na wɔaba Wo Nyame nkyɛn; 'Gyenkwa, yi me bɔne ny'naa, Na mato Wo dɔ ho dwom; Ka m'anofafa, Wura, Na meyi Wo ayɛ daa. Ka m'anofafa, Wura, Na meyi Wo ayɛ daa.
English Lyrics
Verse 1
God, be merciful to me, On Thy grace I rest my plea; Plenteous in compassion Thou, Blot out my transgressions now; Wash me, make me pure within, Cleanse, O cleanse me from my sin, Wash me, make me pure within, Cleanse, O cleanse me from my sin.
Verse 2
I am evil, born in sin; Thou desirest truth within. Thou alone my Savior art, Teach Thy wisdom to my heart; Make me pure, Thy grace bestow, Wash me whiter that the snow, Make me pure, Thy grace bestow, Wash me whiter than the snow.
Verse 3
Gracious God, my heart renew Make my spirit right and true; Cast me not away from Thee, Let Thy Spirit dwell in me; Thy salvation's joy impart, Steadfast make my willing heart, Thy salvation's joy impart, Steadfast make my willing heart,
Verse 4
Sinners then shall learn from me And return, O God, to Thee; Savior, all my guilt remove, And my tongue shall sing Thy love Touch my silent lips, O Lord, And my mouth shall praise accord Touch my silent lips, O Lord, And my mouth shall praise accord.