No. 301
Twe Me Bɛn Wo Koma Ho Ara
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Twe me bɛn Wo koma ho ara, M'Agyenkwa a Wosom bo, twe me bɛn; O, fa me fam Wo koko mu pɛɛ; Kora me so wɔ Wo hintabea hɔ, Kora me so wɔ Wo hintabea hɔ.
Verse 2
Twe me bɛn ara, minni hwee a Mede bɔ Yesu, me Hen', afɔre, Sɛ me bɔne komá a abubu'i; Fa Wo mogyá a ɛtew ho no guar' me, Fa Wo mogyá a ɛtew ho no guar' me,
Verse 3
Twe me bɛn, W'ra, ma menyɛ Wo de; Mede 'nigye gyae me bɔne nyinaa, Emu anigye ne 'hantan nso; Fa Yesu ma me, me W'rá wokum No, Fa Yesu ma me, me W'rá wokum No,
Verse 4
Twe me bɛn ara, nkwa nna yi mu; Kosi sɛ medu Wo nkyɛn 'nuonyam mu; Na matra Wo nkyɛn daa afebɔɔ, Twe me bɛn, m'Agyenkwa, Wo nkyɛn ara, Twe me bɛn, m'Agyenkwa, Wo nkyɛn ara,
English Lyrics
Verse 1
Nearer, still nearer, close Thy heart, Draw me, my Saviour, so precious Thou art; Fold me, O fold me close to Thy breast, Shelter me safe in that haven of rest, Shelter me safe in that haven of rest.
Verse 2
Nearer, still nearer, nothing I bring, Nought as an offering to Jesus my King– Only my sinful now contrite heart; Grant me the cleaning Thy blood doth impart, Grant me the cleansing Thy blood doth impart.
Verse 3
Nearer, still nearer, Lord, to be Thine; Sin with its follies, I gladly resign, All of its pleasure, pomp and its pride; Give me, but Jesus, my Lord crucified, Give me, but Jesus, my Lord crucified.
Verse 4
Nearer, still nearer, while life shall last; Till safe in glory my anchor is cast; Through endless ages ever to be, Nearer, my Saviour, still nearer to Thee, Nearer, my Saviour, still nearer to Thee.