No. 309
Migyaw Ne Nyinaam' Ma
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Migyaw ne nyinaam' ma Yesu, Mede ne ny'naa No kwa; Daa mɛdɔ No, matwere No, Atra N'anim hɔ daa daa.
Chorus
Migyaw ne nyinaam', Migyaw ne nyinaam'; Ne nyinaa ma W' 'Gyenkwa Dɛɛfo Migyaw ne nyinaam'.
Verse 2
Migyaw ne nyinaam' ma Yesu, Koto komm Ne nan ase; Magyaw wiase 'nigye nyinaa, Fa me, Yesu, fa me nnɛ.
Verse 3
Migyaw ne nyinaam' ma Yesu, 'Gyenkwa, ma menyɛ Wo de; Ma mente Honhom Kronkron nka, Na menyɛ Wo de ampa.
Verse 4
Migyaw ne nyinaam' ma Yesu, Mete gya kronkron nká afei. O nkwagye mu anigye pa! 'Nuonyam, 'nuonyam nka Ne din!
English Lyrics
Verse 1
All to Jesus, I surrender; All to Him I freely give; I will ever love and trust Him, In His presence daily live.
Chorus
I surrender all, I surrender all, All to Thee, my blessed Savior, I surrender all.
Verse 2
All to Jesus I surrender; Humbly at His feet I bow, Worldly pleasures all forsaken; Take me, Jesus, take me now.
Verse 3
All to Jesus, I surrender; Make me, Savior, wholly Thine; Let me feel the Holy Spirit, Truly know that Thou art mine.
Verse 4
All to Jesus I surrender; Now I feel the sacred flame. O the joy of full salvation! Glory, glory, to His Name!