No. 314
Sɛnea Mete'I
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Sɛnea mete'i minni hwee ka, Sɛ me nti Wuhwiee Wo mogya; Na Worefrɛ me sɛ memmra, Nyame 'Guammaa maba (maba).
Verse 2
Sɛnea mete'i mintumi ntwɛn, Sɛ mɛpopa bɔne biako; Wo mogya na ɛh'ro bɔne, Nyame 'Guammaa maba (maba).
Verse 3
Sɛnea mete'i mayɛ pasaa, Akyinnye ne ap'rep're mu; Suro ne ko wɔ baabiara, Nyame 'Guammaa maba (maba).
Verse 4
Sɛnea mete'i ofuraeni; Adehu ne adwenemtew. Nea 'hia nyinaa, minya Wo mu, Nyame 'Guammaa maba (maba).
Verse 5
Sɛnea mete'i, Wobɛgye me, De af'ri me, atew me ho; 'Fisɛ megye Wo bɔhyɛ di Nyame 'Guammaa maba (maba).
Verse 6
Sɛnea mete'i Wo dɔ a minnim, Abubu 'kwanside ny'naa mu; Afei meyɛ Wo nko de daa, Nyame 'Guammaa maba (maba).
English Lyrics
Verse 1
Just as I am, without one plea, But that Thy blood was shed for me, And that Thou bid’st me come to Thee, O Lamb of God, I come, I come.
Verse 2
Just as I am, and waiting not To rid my soul of one dark blot, To Thee whose blood can cleanse each spot, O Lamb of God, I come, I come.
Verse 3
Just as I am, though tossed about With many a conflict, many a doubt; 'Fightings within, and fears without,' O Lamb of God, I come, I come.
Verse 4
Just as I am, poor, wretched, blind; Sight, riches, healing of the mind, Yea, all I need in Thee to find, O Lamb of God, I come, I come.
Verse 5
Just as I am, Thou wilt receive, Wilt welcome, pardon, cleanse, relieve; Because Thy promise I believe, O Lamb of God, I come, I come.
Verse 6
Jut as I am, Thy love I own Has broken every barrier down; Now, to be Thine, and, Thine alone, O Lamb of God, I come, I come.