No. 325
Yesu, Mama M'Asɛnnua So
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yesu, mama m'asɛnnua so Migyaw wiase di W'akyi; Hwɛ, magyaw ade nyinaa mu, Ɛnnɛ Wone me kyɛfa; Sɛ m'adɔde nyinaa year, Na m'anidaso sa a, M'asetra mu yɛ anigye, B're a Aw'rade wɔ me.
Verse 2
Ma wiase mpo me, wonnyaw me, Wɔagyaw m'Agyenkwa no nso; Koma ne ɔbra daadaa me, Wo de Woyɛ nokwafo. Sɛ Wode Wo dɔ gya me a, Ɔyaw bi ntumi nhaw me; Wode Wo dɔ hinta me a, Minni anigye biara.
Verse 3
Ɛnde ɔkra, bu wo nkwagye, Po bɔne, ehu, dadwen; Nya dɛw a wɔde hu 'dwuma Ne asodi baab?ara: Hu Honhom a ɛte wo mu, Agya no res're ky'rɛ wo; Hu sɛ Yesu wui de gyee wo, Nyame ba, worenwiinwii?
Verse 4
Fi dom mu kɔ 'nuonyam mu ntɛm, Fa gyidi ne mpaebɔ mia; Ɔs'ro nnasanten da w'anim, Nyame nsa bɛsɔ wo mu. Wo fam ha dwumadi bɛsa, W'akwantu nna nso betwam'; Anidaso bɛsow aba, Mpaebɔ bɛdan ayeyi.
English Lyrics
Verse 1
Jesus, I my cross have taken, All to leave and follow Thee. All things else I have forsaken; Thou from hence my all shalt be. Perish every fond ambition, All I've sought or hoped or known; Yet how rich is my condition, While I prove the Lord my own.
Verse 2
Let the world despise and leave me, They have left my Savior, too. Human hearts and looks deceive me; Thou art faithful, Thou art true. Oh, 'tis not in grief to harm me, While Thy love is left to me; Oh, 'twere not in joy to charm me, If that love be hid from me.
Verse 3
Soul, then know thy full salvation; Rise o'er sin, and fear, and care; Joy to find in every station Something still to do or bear. Think what Spirit dwells within thee; Think what a Father's smiles are thine; Think that Jesus died to win thee; Child of Heaven, canst thou repine?
Verse 4
Haste then on from grace to glory, Armed by faith, and winged by prayer, Heaven's eternal day's before thee, God's own hand shall guide thee there. Soon shall close thy earthly mission, Soon shall pass thy pilgrim days; Hope shall change to glad fruition, Faith to sight, and prayer to praise.