No. 331
O Yesu Mahyɛ Wo Bɔ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
O Yesu mahyɛ Wo bɔ Sɛ mɛsom Wo daa daa, Twiw bɛn me bere nyinaam', Me Wura, m'Adamfo; Merensuro ɔko no, Sɛ Wowɔ m'afa a Meremman mfi kwan no so, Na Woyɛm' Kannifo.
Verse 2
Ma minhu sɛ Wobɛn me, Wiase yi bɛn me de; Nso b'ribi gyegye m'ani; Mete nnaadaa nnyigyei. M'atamfo bɛn me dodo, Wɔatwa me ho ahyia Nso, Yesu, twiw bɛn me yie, Gye me kra fi bɔnem'.
Verse 3
O, Yesu, Woahyɛ wɔn a Wodi W'akyi bɔ sɛ, W'anuonyam mu nea Wowɔ, Wo nkoa nso bɛba hɔ. Na Yesu, mahyɛ Wo bɔ Sɛ mɛsom Wo daa daa, O, ma me dom nni W'akyi Me Wura, m'Adamfo.
English Lyrics
Verse 1
O Jesus, I have promised To serve Thee to the end; Be Thou forever near me, My Master and my Friend. I shall not fear the battle If thou art by my side, Nor wander from the pathway If thou wilt be my guide.
Verse 2
O let me feel Thee near me! The world is ever near; I see the sights that dazzle, The tempting sounds I hear; My foes are ever near me, Around me and within; But Jesus, draw Thou nearer, And shield my soul from sin.
Verse 3
O Jesus, Thou hast promised To all who follow Thee That where thou art in glory There shall Thy servant be. And Jesus, I have promised To serve thee to the end; O give me grace to follow, My Master and my Friend.