No. 334
Wo, Nhyira Biara Nsuti, Bra!
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Wo, nhyira biara nsuti, bra! Mam' koma nto W'ayeyi; Mmɔb'rɔhun' nsu a ɛsen daa, Gye yɛn hɔ ah'rusi nnwom. Ky'rɛ me ma mentontom Wo daa; Na menky'rɛ Wo papayɛ, B're` a daa 'nuonyam anidaso De dɛw ne dɔ hyɛm' kra ma.
Verse 2
Ha na misi m'Ebeneser, Ha na Wo dom nti, maba; W'anisɔ nti, m'ani da so Sɛ merebedu fie dwoo. Yesu hwehwɛɛ me, hɔho a Mifi Nyame buwm' fom kwan; Ɔde N'adehye mogya no Pata yii me fii mmusum.
Verse 3
Ɔdom nti meyɛ ɔkafo, Etwa sɛ meyɛ saa daa; Wo papayɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn Nkyekky're me mmɔ Wo ho den. 'Wura, akobɔ wɔ me bram', Metaa migyaw me Nyame, Me koma ni, O sɔ ano Sɔ ano ma s'ro man.
English Lyrics
Verse 1
Come, Thou Fount of every blessing, Tune my heart to sing Thy grace; Streams of mercy, never ceasing, Call for songs of loudest praise. Teach me ever to adore Thee, May I still Thy goodness prove, While the hope of endless glory Fills my heart with joy and love.
Verse 2
Here I raise mine Ebenezer; Hither by Thy help I've come, And I hope, by thy good pleasure, Safely to arrive at home. Jesus sought me when a stranger, Wandering from the fold of God; He to rescue me from danger, Interposed His precious blood.
Verse 3
O, to grace how great a debtor Daily I'm constrained to be! Let thy goodness, like a fetter, Bind me closer still to Thee. Prone to wander, Lord, I feel it, Prone to leave the God I love; here's my heart, O take and seal it, Seal it for Thy courts above.