No. 349
Nyame Yɛ 'Dɔ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yɛahyiam wɔ kristo mu, yɛn frɛ ne Kristo dɔ, Kristo, yɛn dɔ, ka yɛn ho, Ne nkyea yɛ 'nigye; Momma yensuro na yɛnnɔ daa Nyame no; Momma yɛnnɔ Kristo wɔ ne Nuanom nyinaam'.
Chorus
Nyame yɛ 'dɔ Ɔwɔ nea nokwar' dɔ wɔ biara.
Verse 2
Sɛ yɛn Kristofo hyiam sɛ nipadua k'ro a, Momma yennya honhom k'ro nyi mpaapaemu hɔ Na yɛmpam abufuw, ap'rep're ɔko, Kristo, yɛn Nyankopɔn, bra ɛtra yɛn mu daa.
Verse 3
Ma yɛne ahy'rafo no nnya ɔdɔ mu dɛw Bre` a yɛbehu W'anim 'nuonyam mu, O 'Gyenkwa, Hy'rɛn yɛn so, abɔde nyinaa Hann kronkron no, Yɛ yɛn anigye bre` a nnasanten kamfo Wo.
English Lyrics
Verse 1
Here in Christ we gather, love of Christ our calling. Christ, our love, is with us, gladness be His greeting. Let us fear him, yes and love Him, God eternal Loving Him, let each love Christ in all his brethren.
Chorus
God is love, and where true love is God Himself is there.
Verse 2
When we Christians gather, members of one body, Let there be in us no discord but one spirit. Banished now be anger, strife, and every quarrel. Christ, our God, be always present here among us.
Verse 3
Grant us love’s fulfillment, joy with all the blessed, When we see Your face, O Savior, in its glory. Shine on us, O purest Light of all creation, Be our bliss while endless ages sing Your praises.