No. 35
Momfa Dwonto Ne Anuonyam
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Momfa dwonto ne anuonyam Mma s'ro Aw'rade no; Ɔtrɛw Ne mununkum mu s'ro, Na nsu kata ewim.
Verse 2
Ɔtɔ Ne nhy'ra bosu gu fam, De dwudwo asase; Ɔma wura fu mmepɔ so, Ma 'burow nyin bonhwam'.
Verse 3
N'agyina mu na nsakrae ba Afe no 'kwantu mu. Ɔhyɛ owia ma no hintaw, Ma awɔbere ba.
Verse 4
Ɔma N'asɛm nan suky'rɛma; Ɛma mfude yɛ frɔmm; Ɔma mframa a 'mu yɛ hyɛw Bɔ ma 'susow nsu sen.
Verse 5
Mframa ne mununkum nyinaa Yɛ setie ma N'asɛm: Momfa dwonto ne anuonyam Nkamfo 'W'rade Tumfo.
English Lyrics
Verse 1
With songs and honors sounding loud, Address the Lord on high; Over the heavens He spreads His cloud, And waters veil the sky.
Verse 2
He sends His showers of blessings down To cheer the plains below; He makes the grass the mountains crown, And corn in valleys grow.
Verse 3
His steady counsels change the face Of the declining year; He bids the sun cut short his race, And wintry days appear.
Verse 4
He sends His word, and melts the snow; The fields no longer mourn; He calls the warmer gales to blow, And bids the spring return.
Verse 5
The changing wind, the flying cloud, Obey His mighty word: With songs and honors sounding loud Praise ye the sovereign Lord!