No. 351
Nyame, Wo Nsa Na Aky'Rɛ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyame, Wo nsa na aky'rɛ Wo nguankuw kwan daa ny'naa; Wɔaky'rɛw anwanwasɛm no Ky'rɛw no fa baabiara; Yɛn agyanom nyaa W'adɔe, Na yehu wɔn nnwuma; Edi 'danse: asafo, Gyidi ne 'W'rade k'ro.
Verse 2
W'abɔfo de 'nigyesɛm Brɛɛ 'kɛse ne nkumaa; Wɔfrɛɛ nnipa sɛ wɔmmra Ɔhen 'ponto ase; Eyi ne wɔn nky'rɛky'rɛ ny'naa Nneyɛe ne kasa mu, Ky'rɛɛ nnipa sɛ: asafo, Gyidi ne 'W'rade k'ro.
Verse 3
B're` a na sum kabii red'ru Nnipa mma ny'naa so no, Aw'rade somaa Wo nkoa, Hann mma a Woapaw wɔn, Wode Wo dom pii no guu Wɔn ne Wo nk'rɔfo so. Nea wɔkae ne: asafo, Gyidi, ne 'W'rade k'ro.
Verse 4
W'adɔe renni yɛn huammɔ, W'adwuma nso renka; Wo nsa nifa boa yɛn yi, Nkonim bɛyɛ yɛn de. Abɔfo ne nnipa ny'naa Bɛkamfo Wo din no, Wɔn dwom bɛyɛ: asafo, Gyidi, ne 'W'rade k'ro.
English Lyrics
Verse 1
Thy hand, O God, has guided Thy flock from age to age; The wondrous tale is written Full clear on every page; Our fathers owned Thy goodness, And we their deeds record; And both of this bear witness, One church, one faith, one Lord.
Verse 2
Thy heralds brought glad tidings To greatest as to least; They bade men rise and hasten To share the great King's feast: And this was all their teaching, In every deed and word, To all alike proclaiming One church, one faith, one Lord.
Verse 3
When shadows thick were falling, And all seemed sunk in night, Thou, Lord, did send Thy servants, Thy chosen sons of light. On them and on Thy people Thy plenteous grace was poured, And this was still their message: One church, one faith, one Lord.
Verse 4
Thy mercy cry will not fail us, Nor leave Thy work undone; With Thy right hand to help us, The vict'ry shall be won; And then by men and angels Thy name shall be adored, And this shall be their anthem: One church, one faith, one Lord.