No. 363
W'Rá A Wode Dɔ Som
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
'W'rá a Wode dɔ som 'hobrɛasem De soaa nnipa ahiade; Wo` a wɔpoo Wo 'sɛnnua no so Nso Woyɛɛ dom adwuma: Wo nkoa de yɛn som rebrɛ Wo, 'Nyɛ nne mu nko, na komam; Yɛde akyɛde biara a Wode ma yɛ W'apɛde.
Verse 2
Wo mma da so wɔ ntwɛtwɛdɛ; Ɔkɔm mma da so resu; Nneduafo p're pɛ 'hofadi; Yɛda so su yɛn 'wufo. Sɛnea Wode ahummɔb'rɔ Sa ɔkra no yare no, Fa Wo Honhom tumi no so Besiesie yɛn wiase yi
Verse 3
Yɛresom yi, ma yɛn nhun'mu Kosi sɛ Wo dɔ hann no Wɔ ne k'rɔn ne kɛseyɛ mu Bɛkanyan yɛn adehu; Na yɛahu 'hiade ne nnesoá a W'adɔe hyɛ yɛn ma yɛsoa, Na akanyan yɛn ama 'som Ne Wo nkwa ho 'dansedi.
English Lyrics
Verse 1
Lord, whose love in humble service Bore the weight human need, Who upon the cross, forsaken, Worked Your mercy's perfect deed: We, Your servants, bring the worship Not of voice alone, but heart; Consecrating to Your purpose Every gift which You impart.
Verse 2
Still Your children wander homeless; Still the hungry cry for bread; Still the captives long for freedom; Still in grief we mourn our dead. As You, Lord, in deep compassion Healed the sick and freed the soul, By Your Spirit send Your power To our world to make it whole.
Verse 3
As we worship, grant us vision, Till your love's revealing light In its height and depth and greatness Dawns upon our quickened sight, Making known the needs and burdens Your compassion bids us bear, Stirring us to ardent service, Your abundant life to share.