No. 365
O Sion, Yɛ Ntem Na Wie
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
O Sion, yɛ ntɛm na wie w'adwuma no, Ka no wiase ny'naa sɛ Nyame yɛ hann; Ky'rɛ wɔn sɛ Nea Ɔbɔɔ amn nyinaa no Mpɛ sɛ ɔkra bɛy'ra sum mu.
Chorus
Ka 'nigyesɛm no, asomdwoesɛm, Yesu ho nsɛm, ɔgye ne ahofadi.
Verse 2
Ka ky'rɛ aman, kasa ne nnipa nyinaa Sɛ Nyame a wɔte Ne mu yɛ dɔ; Ka sɛnea Ɔbrɛɛ Ne ho ase gyee wɔn, Na Owui sɛnea nnipa bɛtra s'ro.
Verse 3
Ma wo mma no nsoa anuonyam nkrasɛm no, Fa w'ahode no pia wɔn wɔ kwan so; Fa nkotosrɛ bɔ mpae ma wonni nkonim, Nea wohw're no, Yesu bɛhyɛw' anan.
Verse 4
Ɔreba bio, O Sion, siesie wo ho, Ka Ne gye 'dom no ky'rɛ koma biara; Ma Obiará a Wagye no mma No 'kwaaba. Woanyɛ saá a worentumi nhu N'anim.
English Lyrics
Verse 1
O Zion, haste, thy mission high fulfilling, To tell to all the world that God is light; That He who made all nations is not willing One soul should perish, lost in shades of night.
Chorus
Publish glad tidings, tidings of peace; Tidings of Jesus, redemption and release.
Verse 2
Proclaim to every people, tongue, and nation That God, in whom they live and move, is love; Tell how He stooped to save His lost creation, And died on earth that we might live above.
Verse 3
Give of thy sons to bear the message glorious; Give of thy wealth to speed them on their way; Pour out thy soul for them in prayer victorious; And all thou spendest Jesus will repay.
Verse 4
He comes again! O Zion, ere thou meet Him, Make known to every heart His saving grace; Let none whom He Hath ransomed fail to greet Him, Through thy neglect, unfit to see His face.