No. 37
Me Kra Kamfo Wo Yɛfo No
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Me kra kamfo wo Yɛfo no Nnwom a ɛf'ro kɔ s'ro mu; Nea Ne dɔ de s'ro akyɛde Ahyɛ wo nna ny'naa ma no. Mehwehwɛɛ No, Otiee me su; N'abɔfo kronkron bɔ nsraban Wɔn a wɔdɔ No no ho.
Verse 2
Awurade yɛ ma wɔn a Wɔhwehwɛ No 'w'rɛhowb'rem'; Ɔkyekye mmɔb'rɔfo werɛ. Ma yɛn da biara mu 'dom. 'W'rɛhowntra hɔ 'nadwo ny'naa a 'Dekyee bepue dɛw ne hann mu De nhy'ra fi N'anim aba.
Verse 3
Ɔbɛdan N'ani brɛoo aky'rɛ 'Manehunfo a wɔbɛn No; Ne dɔ 'yamye to rentwa mma Wɔn a wɔtwer' No suro No. Yɛn Nyankopɔn rennyaw Ne de; Ne s'ro agua no tim hɔ daa; N'ahenni begyina daa.
English Lyrics
Verse 1
O sing my soul, your Maker's praise In grateful hymns ascending; Whose steadfast love has crowned your days With heav'nly gifts unending. I sought the Lord, He heard my cry; His holy angels hover nigh The tents of those who love Him.
Verse 2
The Lord is good to those who seek His face in time of sorrow, Providing comfort to the weak And grace for each tommorow. Though grief may tarry for a night, The morn shall break in joy and light With blessings from His presence.
Verse 3
The Lord will turn His face in peace When troubled souls draw near Him; His loving-kindness shall not cease To those who trust and fear Him. Our God will not forsake His own; Eternal is His heav'nly throne; His kingdom stands forever.