No. 371
Ma No So, Nyame Na Ɔhyɛw'
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Ma No so, Nyame na Ɔhyɛw' Nea ɔrewu nhwɛ nnya nkwa; Ɔbɛma nnebɔn'yɛfo a Sukɔm de wɔn no nkwa nsu; Ewom, Ɔbrɛɛ Ne ho ase, Nanso na Ɔyɛ 's'ro Hen, Nifraefoba wɔte sum mu Hu ade Yesu mogyam.
Chorus
Ma No so, 'Gyenkwá a Wasɔre Nea Ɔk'rɔn sen obiara; Ma No so, Ɔno na Ɔse Wo sɛ guan fi bɔne ho.
Verse 2
Ma No so, 'Gyenkwá a Ɔsom bo, Ma amansan mmɛhwɛ No; Wɔde ɔpɛ bɛhwehwɛ No; Ɔde wɔn bɛba Ne nkyɛn; Wɔbɛboaboa wɔn ho ano De 'nigye aba ntɛm so, Wɔbɛsoa Yesu asɛnnua Na wɔahu nkwagye mu dɛw.
Verse 3
Ma No so, N'anuonyam ny'naa mu, Nyame Ba a Ɔwɔ s'ro; Ma No so, Ne dɔ bɛtwe wɔn, Agyegyentwi mpo bɛba; Ma wɔnte asɛnnua no ho Asɛm, 'nimguase 'wu no;bMa tɛkrɛma biara nnye so; Nnipadɔm behy'ra Ne din.
Verse 4
Ɛnde ma No so nnwonto mu, Ma 'Gyenkwa no so mpaebɔm', Ɔyɛ Gyefo 'nuonyamfo a Ɔsoaa adasa bɔn' ny'naa Mmofra bɛkoto N'anim na Mpanyin ama wɔn nne so; Sotifo bɛte hosana Na mum ato N'ayeyi
English Lyrics
Verse 1
Lift Him up, 'tis He that bids you, Let the dying look and live; To all weary, thirsting sinner, Living waters will He gives; And though once so meek and lowly, Yet the Prince of heaven was He; And the blind, who grope in darkness, Through the blood of Christ shall see.
Chorus
Lift Him up, the risen Savior, High amid the waiting throng; Lift Him up, 'tis He that speaketh, Now He bids you flee from wrong.
Verse 2
Lift Him up, this precious Savior, Let the multitude behold; They with willing hearts shall seek Him, He will draw them to His fold; They shall gather from the wayside, Hastening on with joyuos feet, They shall bear the cross of Jesus, And shall find salvation sweet.
Verse 3
Lift Him up in all His glory, Tis the Son of God on high Lift Him up, His love shall draw them, E'en the careless shall draw nigh; Let them hear again the story Of the cross, the death of shame; And from tongue tongue repeat it; Mighty throngs shall bless His name.
Verse 4
O then lift Him up in singing, Lift the Savior up in prayer He, the glorious Redeemer, All the sins of men did bear; Yes, the young shall bow before Him, And the old their voices raise, All the deaf shall hear hosanah; And the dumb shall shout His praise.