No. 376
Ade Ny'Naa Wɔw', Yenni 'Kyɛde
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Ade ny'naa wɔW', yenni 'kyɛde A yɛde maW', akyɛde W'ra; Nnɛ yefi 'seda komam de Nea ɛwɔW' gu Wo nan ase.
Verse 2
Adansifo no huu Wo pɛ; Wo nsa dii dwuma wɔ yɛn mu; Wode Wo nyansa nam nnipa Nhyehyɛɛ so daa Wo t'rimpɔ adi.
Verse 3
Wunni ahiade bi Wo mu; Nnipa 'hiade nti na wɔyɛɛ Mpaebɔ fie ne homebea yi; Ma W'ahotefo nya nhy'ra ha.
Verse 4
Yɛn mm'rɛwyɛ ne hia mu yɛfrɛ Wo a s'ro yɛW' ketewaa bi; W'anuonyam yɛWo mma yiedi, W'ani gye sɛ Woyɛ Agya.
Verse 5
O, Agya! behy'ra saa dan yi; Ma ha yi nyɛ trenee trabea, Na ma saa apon yi ny'naa nyɛ Kwan a yɛfa so ba Wo nkyɛn.
English Lyrics
Verse 1
All things are Thine; no gift have we, Lord of all gifts, to offer Thee; And hence with grateful hearts today, Thine own before Thy feet we lay.
Verse 2
Thy will was in the builder's thought; Thy hand unseen amidst us wrought; Thro' mortal motive, scheme and plan, Thy wise, eternal purpose ran.
Verse 3
No lack Thy perfect fullness knew; For human needs and longings grew This house of prayer-- this home of rest. Here may Thy saints be often blessed.
Verse 4
In weakness and in want we call On Thee, for whom the heav'ns are small; Thy glory is Thy children's good, Thy joy Thy tender Fatherhood.
Verse 5
O Father! Deign these walls to bless; Make this the abode of righteousness, And let these doors a gateway be To lead us from ourselves to Thee!