No. 384
Dapɛn Fof'Ro Mu Nyame
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Dapɛn fofro mu Nyame Ahwɛ y'akwantu so dwoo; Momma yɛnhwehwɛ nhyira, Yɛretwɛn Ne fie nnɛ yi; Dapɛn nyinaa mu da pa, Daa home ho sɛnky'rɛnne. Dapɛn nyinaa mu da pa, Daa home ho sɛnky'rɛnne.
Verse 2
B're a yɛnam Dimafo Din mu hwehwɛ ɔdom yi, Fa W'aniim pa no ky'rɛ yɛn, Yi yɛn bɔn' ne fɛre hɔ; Gye yɛn dadwen ne haw mu, Ma yɛnhome Wo mu nnɛ. Gye yɛn dadwen ne haw mu, Ma yɛnhome Wo mu nnɛ.
Verse 3
Yɛsɔre anɔpa a, Ma yɛnte nka sɛ Wobɛn; Y'aba W'ahengua so yi, Ma y'ani nhu W'anuonyam; 'Wura ma yɛnka daapem Aponto no nhwɛ wɔ ha. 'Wura ma yɛnka daapem Aponto no nhwɛ wɔ ha.
Verse 4
Ma 'sɛmpa no ho 'nigye Nni bɔn' so nim, nkyekye w'rɛ; Ma ɔdom aba nnɔɔso Mfa 'hosan mma obiara; Ma home nna ny'naa nyɛ saa, Kosi sɛ yebedi hen; Ma home nna ny'naa nyɛ saa, Kosi sɛ yebedi hen'.
English Lyrics
Verse 1
Safely through another week God has brought us on our way; Let us now a blessing seek, Waiting in His courts today; Day of all the week the best, Emblem of eternal rest; Day of all the week the best, Emblem of eternal rest.
Verse 2
While we seek supplies of grace Throughthe dear Redeemer's name, Show Thy reconciling face, Take away our sin and shame; From our worldly cares set free May we rest this day in Thee. From our worldy cares set free May we rest this day in Thee.
Verse 3
When the morn shall bid us rise, May we feel Thy presence near May Thy glory meet our eyes When we in Thy house appear; Here afford us, Lord, a taste Of our everlasting feast. Here afford us, Lord, a taste Of our everlasting feast.
Verse 4
May the gospel's joyful sound Conquer sinners, comfort saints; Make the fruits of grace abound, Bring relief to all complaints; Thus may all our Sabbaths be Till we rise to reign with Thee. Thus may all our Sabbaths be Till we rise to reign with Thee.