No. 389
Hann Mu Hann, Bɛkanyan Me
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Hann mu hann, bɛkanyan me, B're a da fofro reba yi; ɛdom wia sunsum rekɔ'i Ma me Homeda 'nɔpa nhy'rɛn; W'anigye wia hann mu no, Me home da yɛ 'nigye.
Verse 2
Nnɛ, ma memfa me koma N-to kronkron, kronkron, kronkron; Mame kra nsɔr' mfi fam ha Mmra Wo nkyɛn s'ro 'hosɛpɛ mu; Na menka nhwɛ wɔ me mu, Sɛnea wɔsom Wo s'ro hɔ.
Verse 3
Dadwen ny'naa yɛ 'huhude! Wɔ Nyame da kronkron yi mu; B'ra, Wo Tumfo 'nuonyamfo, Bɛhyɛ 'hobrɛase dan yi ma; Me kra rentu ne nan nnɛ, Ɛbɛtra Wo dɔ mu nko.
English Lyrics
Verse 1
Light of light, enlighten me, Now a new the day is dawning; Sun of grace, the shadows flee; Brighten Thou my Sabbath morning; With Thy joyous sunshine blest, Happy is my day of rest.
Verse 2
Let me with my heart today, Holy, holy, holy, singing, Rapt awhile from earth away, All my soul to Thee up springing, Have a foretaste inward given How they worship Thee in heaven.
Verse 3
Hence all care, all vanity! For the day to God is Holy; Come, Thou glorious Majesty, Deign to fill this temple lowly Nought today my soul shall move, Simply resting in Thy love.