No. 395
Sɛnea Nnomaa Guan Awɔ Ne Wim A
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Sɛnea nnomaa guan awɔ ne wim a Ayɛ tumm kɔ wɔn ahotɔ fie no, Sa'ra na me kra hwehwɛ W'anim dom, Nya ɔhome ne asomdwoe Wo mu.
Verse 2
Yegyaw yɛn haw mu ko ny'naa W'asɔr'fie, Yɛnkae huammmɔdi, nusu, ne yaw bio, Yɛnam 'nidaso nnwom ne mpaebɔ mu Na yɛsɔre te Wo Honhom no nka.
Verse 3
Hy'ra wɔn a 'nadwo yi wɔwɔ yaw mu; Wɔn a wɔso nnesoa, wɔatɔ beraw Ma W'aw'rɛkyekye nka w'rɛhowdifo, Na boa wɔn a 'hiade hyɛ wɔn so no.
Verse 4
Homeda dɛw, bɛhyɛ koma ny'naa ma; Na ma asomdwoe pa ntra yɛn afim; Ma 'yeyi nnwom nhyɛ koma biara ma Na wɔmfa wɔn ho nhyɛ Nyame dɔ mu.
English Lyrics
Verse 1
As birds unto the genial homeland fly, The winter's cold and low'ring skies to flee, So seek my soul Thy gracious presence here And finds, O God its rest and peace in Thee.
Verse 2
Here at Thy shrine we leave all vexing care, Forget the disappointment, grief and tear, And on the wings of hopeful song and prayer We rise and rising feel Thy Spirit here.
Verse 3
Bless all who spend this night in pain and woe, The burdened heart, the fainting, and distressed, Thy comfort send to darkened homes bereaved, Thy saving help to those by want oppressed.
Verse 4
Come, Sabbath joy, each trusting heart now fill, And blissful peace within our homes abide, May thankful praise each grateful heart now thrill, And to God's loving care their lives confide.