No. 399
A Niso Amanne Yim' Na
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Aniso Amanne Yim' Na 'W'ra, wɔde W'aduan no Kɔ abans'ro dan biara mu, Nea wɔma 'kra aduan.
Verse 2
Wɔate paanoon' ho b're biara, Sɛ adasamma nkyɛ; Na onuadɔ nneyɛe biara Frɛ W'aponto no bio.
Verse 3
Wɔde nhyira k'ruwa no yɛ Wo nokware nkaede: B're` a wɔde 'bra fof'ro hwie nsa Wɔ mudi pa mu no.
Verse 4
'W'ra, ma nsohyɛde` a yɛwɔ yi Nyɛ nea Wode ama; Na yɛn daa 'brabɔ akanyan Wo mmɔb'rɔhun' koma.
English Lyrics
Verse 1
Beneath the forms of outward rite Thy supper, Lord, is spread In every quiet upper room Where fainting souls are fed.
Verse 2
The bread is always conscreate Which men divide with men; And every act of brotherhood Repeats Thy feast again.
Verse 3
The blessed cup is only passed True memory of Thee, When life a new pours out its wine With rich sufficiency.
Verse 4
O Master, through these symbols shared, Thine own dear self impart That in our daily life may flame The passionof Thy heart.