No. 420
Yerusalem, M'Anigye Fie
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yerusalem, m'anigye fie O, mafe wo dodo! Da bɛn na m'aw'rɛhow bɛsa, Na mabehu wo dɛw?
Verse 2
W'afasu yɛ abopa nko, Ɛyɛ anuonyam pii, Wɔde sika n'ayɛ w'apon, W'abɔnten nso sika.
Verse 3
Wo turo ne mu akwan no, Masua ho nsɛm akyɛ; Ne fɛ tra nnipa adwen so, Na aniwa nhuu da.
Verse 4
Awurade, dom boa yɛn ma Yɛnhwɛ nkonim bo no; Kosi sɛ W' bɛba 'befa yɛn Akɔ Paradise.
English Lyrics
Verse 1
Jerusalem, my happy home, O how I long for thee! When will my sorrow have an end, Thy joys when shall I see?
Verse 2
Thy walls are all of precious stone, Most glorious to behold; Thy gates are richly set with pearl, Thy streets are paved with gold.
Verse 3
Thy garden and thy pleasant walks My study long have been; Such dazzling views by human sight Have never yet been seen.
Verse 4
Lord, help us by Thy mighty grace, To keep in view the prize, Till Thou dost come to take us home To that blest paradise.