No. 432
So Yebehyiam Asu No So
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
So yebehyiam asu no so, Nea abɔfo atiatia; Asu k'ronnyen a ɛsen daa Fi Nyame 'hengua mu no?
Chorus
Yiw, yebehyiam asu no so, Asu fɛfɛ, asu fɛfɛ no a Efi Nyame 'henguam sen no, Yɛne 'hotefo behyiam
Verse 2
Asu fɛfɛ no ano hɔ, Nea ne nsu sen hyɛnhyɛn no; Yɛbɛnante hɔ asom daa Wɔ ahotɔ da no mu.
Verse 3
Momma yɛnto yɛn nnesoa ngu, Ansa na yɛadu s'ro hɔ; Yɛn honhom no benya ɔdom, Ma yɛanya ntade ne kyɛw.
Verse 4
Ɛrenkyɛ na yebedu hɔ, Akwantu yi to betwa; Awɔse bɛka yɛn koma, Ɔdɛw asomdwoe nnwom mu.
English Lyrics
Verse 1
Shall we gather at the river, Where bright angel feet have trod, With its crystal tide forever Flowing by the throne of God?
Chorus
Yes, we'll gather at the river, The beautiful, the beautiful river; Gather with the saints at the river That flows by the throne of God.
Verse 2
On the margin of the river Washing up its silver spray, We will walk and worship ever, All the happy golden day.
Verse 3
Ere we reach the shining river, Lay we ev'ry burden down; Grace our spirits will deliver, And provide a robe and crown.
Verse 4
Soon we'll reach the shining river, Soon our pilgrimage will cease; Soon our happy hearts will quiver With the melody of peace.