No. 441
Mihuu Brɛfo Mmɔb'Rɔni Bi
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Mihuu brɛfo mmɔb'rɔni bi; 'de awerɛhyem tu ne kwan; Nea wasoa 'sɛnnua no akyɛ Da so hwɛ bɔhyɛ da no kwan. B're a aw'rɛhow ne ohaw, Ayɛ mpomponoe wɔ n'anim; Mibisaa nea 'hyɛɛ ne kra den, Obuae sɛ, 'nidaso pa no'.
Verse 2
Mihuu peaw ne kyɛm kurafo, 'De nisiyɛ pam wiase 'bufuw, Koo mmarima so wɔ sar' so De nyaa daapem ahenkyɛw no. Mmom wabrɛ, 'tamfo hyɛn' so de, Nso 'nwinwii bi 'mfi ne komam', Mibisaa nea hyɛ ne kra den, Obuae sɛ 'nidaso pa no'.
Verse 3
Obi nso wɔ hɔ a ogyaw Ne kan m-fe mu nnamfo pa; Anuonyam 'nigye ne sika Bɛfaa kwan a nusu wɔ so. Nsɔhwɛ ne ɔko nwenwen mu, Nanso ɔtoa so s'rew 'nigyem. Mibisaa nea hyɛɛ ne kra den, Obuae sɛ 'nidaso pa no'.
Verse 4
B're a yetu yɛn kwan pa yi Wɔ sum ne bɔne wiase yi, Wɔ haw, tan ne atwetwe mu Anaa owu bɔn apon mu. Kosi sɛ yɛn Hen' no bɛ ba Bɛfa Ne nneduafo` akɔ fie, O, dɛn na tumi hyɛ kra den Nyɛ hwee sɛ 'nidaso no nko'.
English Lyrics
Verse 1
I saw one weary, sad, and torn, With eager steps press on the way, Who long the hallowed cross had borne, Still looking for the promised day; While many aline of grief and care, Upon his brow was furrowed there; I asked what buoyed his spirits up, 'O this!' said he– 'the blessed hope.'
Verse 2
And one I saw, with sword and shield, Who boldly braved the world's cold frown, And fought, unyielding on the field, To win an everlasting crown. Though worn with toil, oppressed by foes, No murmur from his heart arose; I asked what buoyed spirits up, 'O this!' said he– 'the blessed hope.'
Verse 3
And there was one who left behind The cherished friends of early years, And honor, pleasure, wealth resigned, To tread the path bedewed with tears. Through trials deep and conflicts sore, Yet still a smile of joy he wore; I asked what buoyed spirits up, 'O this!' said he– 'the blessed hope.'
Verse 4
While pilgrims here we journey on In this dark vale of sin and gloom, Through tribulation, hate, and scorn, Or through the portals of the tomb, Till our returning King shall come To take His exile captives home, O! What can buoy the spirits up? 'Tis this alone– 'the blessed hope.'