No. 45
Bue W'Apon Fɛfɛ No Seesei
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Bue w'apon fɛfɛ no seesei,Si-on, ma menhyɛn' mu hɔ, Nea me kra fi anigye mu Twɛn mpaebɔ tiefo Nyame. O, sɛnea wɔahyira ha, 'Somdwoe, hann ne dom wɔ ha!
Verse 2
Domfo Nyame meba W'anim, Wo nso sian bra me nkyɛn ha; Faako a yehu Wo, som Wo no, Yɛte soro nka wɔ hɔ. Bra bɛtra me koma mu, Ma ɛnyɛ Wo fie seesei.
Verse 3
Woyi W'ayɛ 'nigyem wɔ ha, Wogu W'aba no wɔ ha; Ma faako a wɔatim me kra no Ɛnso abapa nkutoo. Na nea mete biara no, Aso nkwa aba me mu.
Verse 4
Nyan me gyidi yɛ no kɛse Ma menk?ra Wo s'ro 'kyɛden'; Sɛ sɔhwɛ ky're me so dɛn a, Ma W'asɛm no nhy'rɛn me so, Sɛ me ns'romma kwanky'rɛfo, Ne haw mu w'rɛkyekyefo.
Verse 5
'W'ra kasa, na mɛte Wo nne; Ma Wo pɛ nyɛ hɔ ampa; Na ma mintwiw mmɛn Wo koraa B're a Woyɛn Wo nk'rɔfo; Nkwa asuti sen wɔ ha, Yɛn haw 'no ad'ru wɔ ha.
English Lyrics
Verse 1
Open now Thy gates of beauty, Zion, let me enter there,Where my soul in duty Waits for God who answers prayer. Oh, blessed is this place, Filled with solace, light, and grace!
Verse 2
Gracious God, I come before Thee; Come Thou also unto me; Where we find Thee and adore Thee; There a heav'n on earth must be. To my heart, oh, enter Thou, Let it be Thy temple now!
Verse 3
Here Thy praise is gladly chanted, Here Thy seed is duly sown; Let my soul, where it is planted, Bring forth precious sheaves alone. So that all I hear may be Fruitful unto life in me.
Verse 4
Thou my faith increase and quicken, Let me keep Thy gift divine; Howsoe'er temptations thicken, May Thy Word still o'er me shine As my guiding star through life, As my comfort in all strife.
Verse 5
Speak, O God, and I will hear Thee, Let Thy will be done indeed; May I, undisturbed, draw near Thee While Thou dost Thy people feed. Here of life the fountain flows; Here is balm foe all our woes.