No. 453
Yɛate Afi 'Sase Kronkron No So
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yɛate afi 'sase kronkron no so, Yɛare na yɛn koma di dɛw 'Fise na yɛyɛ 'kwantufo kuw, A yɛabrɛ, di awerɛhow Wɔka sɛ ahotefo wɔ fie bi- Yɛnyɛ adedamfikyi bio; Yenim sɛ 'sase no yɛ 'sase pa Nea nkwa nsuo sen hɔ daa.
Verse 2
Wɔka sɛ nwu`ra frɔmfrɔm di ahim hɔ, Ɛyɛ nea entumi nkisa; Anweatam dan asesa bere Na Saron nhwiren nyin frɔmfrɔm, Nnomaa pii a wɔn ho yɛ fɛ wɔ hɔ, Wɔn nnwom yɛ dɛ, yɛ anigye; Wɔn nne nnyigyei yɛ foforo daa daa, 'Bɔfo sanku gye so.
Verse 3
Yɛate berɛw ne ntade, ne nhenkyɛw Ne dwontofo 'hoɔfɛfo nka; Kuro papa`a n'apon yɛ 'bopa A ne nyinaa de hann hyerɛn; Yɛate abɔfo ne 'hotefo nka, Wɔde sika sanku to nnwom Fa bepɔ ne nkwa dua no ne nhaban A ɛsa yare ho.
Verse 4
Saa ɔman no mu Hene ho yɛ fɛ, Ɔne beae no dɛw ne ne hann, Yebehu No hɔ N'ahoɔfɛ mu, Yɛbɛsɛpɛw yɛn ho N'anim, Ɛrenkyɛ, ɛrenkyɛ yebedu hɔ, Yɛne ahotefo bebom; Yebenya berɛw, ntade, ne nhenkyɛw, Na yɛahome dapen.
English Lyrics
Verse 1
We have heard from the bright, the holy, land; We have heard, and our hearts are glad; For we were a lonely pilgrim band, And weary, and worn, and sad. They tell us the saints have a dwelling there--No longer are homeless ones; And we know that the goodly land is fair, Where life's pure river runs.
Verse 2
They say green fields are waving there, That never a blight shall know; And the desert wild are blooming fair, And the roses of Sharon grow. There are lovely birds in the bowers green, Their songs are blithe and sweet; And their warblings gushing ever new, The angels' harpings greet.
Verse 3
We have heard of the palms, the robes, the crowns, And the silvery band in white; Of the city fair, with pearly gates, All radiant with light. We have heard of the angels therre, and saints, With their harps of gold, how they sing; Of the mount with the fruitful tree of life, Of the leaves that healing bring.
Verse 4
The King of that country He is fair, He's the joy and light of the place; In His beauty we shall behold Him there, And bask in His smiling face. We'll be there, we'll be there in a little while, We'll join the pure and the blest; We'll have the palm, the robe, the crown, And forever be at rest.