No. 456
Me Ne Me W'Ra
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Mewɔ Adamfo pa bi, Ɔsom me bo bebree; Ɔwɔ ayamhyehye ma me, Ɔdɔ me nokwarem'; Ɔnka me ho` a mentumi ntra, Me kɔn dɔ sɛ Ɔbɛn me, Enti me ne No tra bom, Me ne me W'ra.
Verse 2
Ɛtɔ da` a na mabotow, Onim sɛ meyɛ mm'rɛw, Mede dɛw hwehwɛ Ne hɔ mmoa, Fisɛ Ɔpe no saa; Ɔde me fa hann kwan no so, Owia ntremu ase, Enti me ne No tra bom, Me ne me W'ra.
Verse 3
Meka m'awerɛhow ne M'anigye ny'naa ky'rɛ No, Meka nea ɛsɔ m'ani ne, 'Bufuwsɛm ny'naa kyrɛ No; Ɔky'rɛ me nea 'sɛ sɛ meyɛ, Ɔma me nkuranhyɛ, Enti yedi nkɔmmɔ bom, Me ne me W'ra.
Verse 4
Onim sɛ mepere sɛ Mɛgye kra brɛfo bi, Ɔhyɛ me sɛ menkɔ nkɔka Ɔdɔ nsɛm no mma No, Na menka N'awanwa dɔ ne Nea 'nti Owui no nky'rɛ; Enti yɛyɛ 'dwuma bom, Me ne me W'ra.
English Lyrics
Verse 1
I have a Friend so precious, So very dear to me, He loves me with such tender love, He loves so faithfully; I could not live apart from Him, I love to feel Him nigh, And so we dwell together, My Lord and I.
Verse 2
Sometimes I'm faint and weary, He knows that I am weak, And as He bids me lean on Him, His help I gladly seek; He leads me in the paths of light, Beneath a sunny sky, And so we walk together, My Lord and I.
Verse 3
I tell Him all my sorrows, I tell Him all my joys, I tell Him all that pleases me, I tell Him what annoys; He tells me what I ought to do, He tells me how to try, And so we talk together, My Lord and I.
Verse 4
He knows that I am longing Some weary soul to win, And so He bids me go and speak The loving word for Him; He bids me tell His wondrous love, And why He came to die, And so we work together, My Lord and I.