No. 466
'Somdwoe Nwamwà A
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Anadwo yi, wɔ me honhom bun ase tɔnn, Na dwon a ɛyɛ dɛ kyɛn so fi; Egyigye daa te sɛ dwon a efi soro Wɔ me kra so te sɛ 'somdwoe pa.
Chorus
'Somdwoe! 'somdwoe nwanwa` a Efi Agya no nkyɛn soro ba; Mesrɛ sɛ betwiw fa me honhom so daa Wɔ dɔ a enni kabea mu.
Verse 2
Hwɛ 'gyapade a mewɔ saa 'somdwoe yi mu Asie wɔ me kra bun ase pɛɛ, Tumi biara rentumi mmetutu n'ase Bere a daapem mfe resen yi!
Verse 3
Minim sɛ mikodu saa 'somdwoe man no mu, Na mihu 'somdwoe Wura no a, Dwom biako a wɔn a wɔagye wɔn no bɛto Wɔ saa s'ro 'hemman no mu bɛyɛ:
Verse 4
Ɔkra brɛfo a wunni 'nigye ne home, A wonam ɔbra kwan fo no so! Yɛ 'Gyenkwan' w'adamfo ansa na sum aba; O gye saa asomdwoe nwanwa yi.
English Lyrics
Verse 1
Far away in the depths of my spirit tonight, Rolls a melody sweeter than psalm; In celestial like strains it unceasingly falls O’er my soul like an infinite calm.
Chorus
Peace, peace, wonderful peace, Coming down from the Father above!Sweep over my spirit forever, I pray In fathomless billows of love!
Verse 2
What a treasure I have in this wonderful peace, Buried deep in my innermost soul, So secure that no power can mine it away, While the years of eternity roll
Verse 3
I believe when I rise to that city of peace, Where the Author of peace I shall see, That one strain of the song which the ransomed will sing, In that heavenly kingdom will be.
Verse 4
Weary soul, without gladness or comfort or rest, Passing down the rough pathway of time! Make the Savior your friend ere the shadows grow dark; O accept of this peace so sublime.