No. 468
Ɔhene No Ba
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
M'Agya wɔ afie ne nsase bebree; Wiase yi my adonyade wɔ Ne nsam! 'Bohemma, dɛnkyɛmmo, dwetɛ, sika, Ahyɛ N'adan ma, N'ahonya nni ano.
Chorus
Meyɛ 'Hene no ba Ɔhene no ba! Yesu yɛ m'Agyenkwa 'i, Meyɛ 'Hene no ba.
Verse 2
M'Agya n'ara Ba, nnipa, 'Gyenkwa ni, Bɛnantee 'sase so sɛ wɔn mu hiani, Ɔredi ma nnebɔn'yɛfo wɔ s'ro, Sɛ Ɔba a Ɔbɛma me trabea pa.
Verse 3
Na meyɛ 'dedamfikyi ne 'hɔho, Ɔdebɔn'yɛni ne ɔmanfrani bi, Wɔayɛ me ɔba aky'rɛw me din sɛ Ofie, atade ne 'henkyɛw dedifo.
Verse 4
Ɔdan anaa ɔsese, mennwen ho, Wɔresi ahemfie ama me wɔ hɔ! Ewom mafi fie de nanso mɛto: 'Nuonyam nka Nyame, meyɛ Ɔhen' no ba.'
English Lyrics
Verse 1
My Father is rich in houses and lands, He holdeth the wealth of the world in His hands! Of rubies and diamonds, of silver and gold, His coffers are full, He has riches untold.
Chorus
I'm a child of the King, A child of the King: With Jesus my Savior, I'm a child of the King.
Verse 2
My Father's own Son, the Savior of men, Once wandered on earth as the poorest of them; But now He is pleading for sinners on high, And will give me a home when He comes by and by.
Verse 3
I once was an outcast stranger on earth, A sinner by choice, an alien by birth! But I've been adopted, my name's written down, An heir to a mansion, a robe and a crown.
Verse 4
A tent or a cottage, why should I care? They're building a palace for me over there! Though exiled from home, yet still may I sing: 'All glory to God, I'm a child of the King.'