No. 47
Nyamè A Woyɛɛ S'Ro Ne 'Sase
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyame a Woyɛɛ s'ro ne 'sase Esum ne hann: Woyɛɛ 'dekyee maa 'dwumayɛ, 'Nadwo, 'home; Ma W'abɔfo mmɔ yɛn ho ban, Na ma yɛn nna pa Wo dom mu; Ma yɛnso dae nnya 'nidaso 'Nadwo yi ny'naa.
Verse 2
Sɛ yɛnyan' 'dekyee fof'ro mu, Fa 'bra kwan so a, Nea 'besi biara, ma yenni W'apɛde so. Kora yɛn so fi bɔn' tumi ho; Bɔ yɛn ho ban kwan hihiaa yim', Nyi W'animte mfi yɛn so da, Da mu no ny'naa.
Verse 3
Wɛn yɛn sɔre ne yɛn nna mu, Ne 'wu mu nso, Wo banbɔ kɛsem' ma yenya Asomdwoe nna. Sɛ t'robɛnto nne nyan yɛn a, O Awurade pa, nnyaw yɛn, Na ma yɛne Wo nkodi hen' 'Nuonyam mu s'ro.
Verse 4
Agya Kronkron a Wote s'ro, Ɔba Kronkron, Honhom Kronkron, yɛn akyɛde, Baasakoro: Dom yɛn seesei kosi b're a Yɛde yɛn kyɛw begu W'anim, Na yɛde nnwom pa 'kamfo Wo Nnasanten mu.
English Lyrics
Verse 1
God, who made the earth and heaven, Darkness and light: You the day for work have given, For rest the night. May Your angel guards defend us, Slumber sweet Your mercy send us, Holy dreams and hopes attend us All through the night.
Verse 2
And when morn again shall call us To run life's way, May we still, whate'er befall us Your will obey. From the pow'r of evil hide us, In the narrow pathway guide us, Never be Your smile denied us All through the day.
Verse 3
Guard us waking, guard us sleeping, And, when he die, May we in Your mighty keeping, All peaceful lie. When the trumpet call shall wake us, Then, O Lord, do not forsake us, But to reign in glory take us With You on high.
Verse 4
Holy Father, throned in heaven, All-holy Son, Holy Spirit, freely given, Blest Three in One: Grant us grace, we now implore You, Till we lay our crowns before You And in worthier strains adore You While ages run.