No. 480
Aw'Rade, Amansan Agya
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Aw'rade, amansan Agya Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn; Na fa adwen pa hyɛ yɛn ma, Ma yɛmfa ɔbra kronn nsom Wo, Mfa 'nidi nyi W'ayɛ.
Verse 2
Ma yɛmfa 'hotoso pa sɛ Wɔn a wɔtee 'W'rade Frɛ no wɔ Siria po ho no; Ma yɛnyɛ sɛ wɔn ara pɛ, N-sɔre nni W'akyi
Verse 3
'Homegye da wɔ Galilee Mmepɔ atifi hɔ; Nea Yesu koto ne Wo dii Daa nkwa ho nkitaho kommyɛm' A efi dɔ mu no.
Verse 4
Tɔ Wo kommyɛ bosu pa no Kosi yɛn ko n'awiei; Yi brɛ ne haw fi yɛn kra mu, Na yɛmfi ɔbra pa mu nka W'asomdwoe ahoɔfɛ.
Verse 5
Home W'ayaressa d'ru no Gu yɛn apɛde so; Ma 'tenka nnyae, na honam nna; Kasa fi 'gya ne mframa mu, 'Somdwoe nne ketewa.
English Lyrics
Verse 1
Dear Lord and Father of mankind, Forgive our foolish ways; Reclothe us in our rightful mind, In purer lives Thy service find, In deeper reverence, praise.
Verse 2
In simple trust like theirs who heard, Beside the Syrian sea, The gracious calling of the Lord, Let us, like them, without a word, Rise up and follow Thee.
Verse 3
O Sabbath rest by Galilee, O calm of hills above, Where Jesus knelt to share with Thee The silence of eternity, Interpreted by love!
Verse 4
Drop Thy still dews of quietness, Till all our strivings cease; Take from our souls the strain and stress, And let our ordered lives confess The beauty of Thy peace.
Verse 5
Breathe through the heats of our desire Thy coolness and Thy balm; Let sense be dumb, let flesh retire; Speak through the earthquake, wind, and fire, O still, small voice of calm.