No. 489
Yesu, Me Kra Dɔfo Pa
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yesu, me kra dɔfo pa, Ma memmra Wo koko mu; B're a 'sorɔkye rebɔ, Na ahum nso retu yi, O, m'Agyenkwa fa me sie, Kosi sɛ 'bra 'hum betwam; Di m'anim kɔ hintabea, Na gye me kra awiei no.
Verse 2
Minni guankɔbea biara, Me kra mmɔb'rɔni dan Wo; Ao, nnyaw me nko ara da, So me mu kyekye me w'rɛ, M'anidaso nyinaa ne Wo, Me mmoa nyinaa fi Wo hɔ, Fa Wo ntaban kɛse no Bra bɛkata me so daa.
Verse 3
Kristo, Wone m'ade ny'naa, M'ahiade ny'naa fi Wo mu; Ma wɔn a wɔahwe` ase so, Ky'rɛ anifuraefo kwan. Wo din tene, yɛ kronkron, Me ho agu fi koraa; Mensɛ, bɔn' ahyɛ me ma, Nokwar' ne dom ahyɛW' ma.
Verse 4
Wo mu na ɔdom pii wɔ, Nea ɛma me bɔn' faf'ri; Ma yaresa nsu nsen pii, Sɔ me mu na tew me ho; Wone yɛn nkwa nsuti no, Ma mennom nsu no bi kwa Ma ɛnsen wɔ me komam', Kosi mm'resantenny'naa mu.
English Lyrics
Verse 1
Jesus, lover of my soul, Let me to Thy bosom fly, While the nearer waters roll, While the tempest still is high. Hide me, O my Savior, hide! Till the storm of life is past; Safe into the haven guide, O receive my soul at last.
Verse 2
Other refuge have I none, Hangs my helpless soul on Thee; Leave, ah! leave me not alone! Still support and comfort me. All my trust on Thee is stayed, All my help from Thee I bring; Cover my defenseless head With the shadow of Thy wing.
Verse 3
Thou, O Christ, art all I want, More than allin Thee I find; Raise the fallen, cheer the faint, Heal the sick, and lead the blind. Just and holy is Thy name, I am all unrighteousness; Vile and full of sinI am, Thou art full of truth and grace.
Verse 4
Plentous grace with Thee is found Grace to pardon all my sin; Let the healing streams abound, Make and keep me pure within; Thou of life the Fountain art, Freely let me take of Thee;